Wɔ mfie mpempem akyi mpo no obiara nneyεε a wᴐatwerɛ wᴐ nkwa nwoma no mu no remmpepa da na mmom Nyankopon bɛbu wᴐn atεn hwε sε wᴐfata abasobᴐdeε anaa asotweε. Wɔnam saa so bɛkɔ ateneneefoᴐ wusᴐreε mu, wɔnam so bɛkɔ ᴐsoro ahenman mu anaa sε wᴐbεka nnebᴐnyεfoᴐ wusᴐreε no ho a εde wᴐn bεkᴐ ogya mu
Ahoteefoᴐ a na wᴐwᴐ tete asᴐre no mu nu hunu Yesu wusεreε no na εmaa wᴐsᴐᴐ wᴐn gyedie mu pintinn. Ɛneɛ yi Kristo Ahnsahnghong ne ᴐsoro na kyerεkyerε yεn sε yεnya gyedie wᴐ owusᴐreε ne nsakyeraeε no mu. Wɔ kyerεkyerε yɛn sε, sε nnipa nyinaa suro Nyankopon na wᴐsakyera firi wɔn bɔne mu a, wᴐbesesa anya honhom fam nipadua na wasan akᴐ abᴐfoᴐ wiase
Na mewᴐ Nyankopon ho anidasoᴐ a wᴐn ara nso wᴐhwε no kwan, sε owusᴐreε a wᴐn a wᴐtene ne wᴐn a wᴐntene bεsᴐre no bεba
Na yei mu na mesᴐ me ho mehwε, sε mεnya ahonim a εnni fᴐ Nyankopon ne nnipa fam daa.
Asomafoɔ Nnwuma 24:15–16
Na yεn deε, yεn man a yεfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hᴐnom nso na yεtwεn Agyenkwa a ᴐno ne Awurade Yesu Kristo a ɔbεsakyera yεn ahobrεaseε nipadua sεdeε n’ahoᴐden adwuma a ᴐde bεtumi abrε nnoᴐma nyinaa ase ahyε n’ase no tea no.
Filipifo 3:20–21
119 Bundang P.O.Box, Bundang-gu, Seongnam-si, Gyeonggi-do, Rep. of KOREA
Tel 031-738-5999 Fax 031-738-5998
Head Office: 50, Sunae-ro, Bundang-gu, Seongnam-si, Gyeonggi-do, Rep. of Korea
Main Church: 35, Pangyoyeok-ro, Bundang-gu, Seongnam-si, Gyeonggi-do, Rep. of Korea
ⓒ World Mission Society Church of God. All rights reserved. Privacy Policy